1 Chronicles 8

Benyamin Asefo


1 Benyamin mmabarima na wodidi so yi:
Bela (abakan), Asbel, Ahra,
2Noha ne Rafha.

3 Bela mmabarima yɛ:
Adar, Gera, Abihud,
4Abisua, Naaman, Ahoa,
5Gera, Sefufan ne Huram.
6Ehud mmabarima mmusua ntuanofo a na wɔte Geba na wɔpam wɔn fii hɔ kɔɔ Manahat:
7Ehud mmabarima ne Naaman, Ahiya ne Gera. Gera a na ɔyɛ Usa ne Ahihud agya no na bere a wɔretu no odii wɔn anim.
8Saharaim gyaee ne yerenom Husim ne Baara akyi no, ɔwoo mma wɔ Moab asase so. 9Ne yere foforo Hodes woo Yobab, Sibia, Mesa, Malkam, 10Yeus, Sakia ne Mirma. Saa mmabarima yi bɛyɛɛ mmusua ntuanofo. 11Na Saharaim yere Husim awo Abitub ne Elpaal dedaw.

12 Elpaal mmabarima yɛ:
Eber, Misam ne Semed a ɔkyekyeree Ono ne Lod ne wɔn nkuraa no,
13Beria ne Sema. Na wɔyɛ mmusua ntuanofo a na wɔte Ayalon, na wɔpam ɔmanfo a wɔte Gat no.
14Beria mmabarima yɛ Ahio, Sasak, Yeremot, 15Sebadia, Arad, Eder, 16Mikael, Yispa ne Yoha.
17Elpaal mmabarima yɛ Sebadia, Mesulam, Hiski, Heber, 18Ismerai, Yislia ne Yobab.
19Simei mmabarima yɛ Yakim, Sikri, Sabdi, 20Elienai, Siletai, Eliel, 21Adaia, Beraia ne Simrat.
22Sasak mmabarima yɛ Yispan, Eber, Eliel, 23Abdon, Sikri, Hanan, 24Hanania, Elam, Antotia, 25Yifdeia ne Penuel.
26Yeroham mmabarima yɛ Samserai, Seharia, Atalia, 27Yaaresia, Elia ne Sikri.
28Eyinom ne agyanom mmusua ntuanofo a wɔakyerɛw wɔn din wɔ wɔn mu biara anato nkrataa mu. Na wɔn nyinaa tenaa Yerusalem.

Saulo Abusua

29Yeiel (Gibeon agya) tenaa Gibeon. Na ne yere din de Maaka 30a na ne babarima abakan din de Abdon. Na Yeiel mmabarima a wɔaka no din de Sur, Kis, Baal, Ner, Nadab, 31Gedor, Ahio, Seker, 32ne Miklot a ɔyɛ Simea agya. Na saa abusuafo yi tete bemmɛn wɔn ho wɔn ho wɔ Yerusalem.
33Ner na ɔwoo Kis. Kis na ɔwoo Saulo, Saulo na ɔwoo Yonatan, Malki-Sua, Abinadab ne Esbaal.

34 Yonatan babarima ne:
Merib-Baal (anaa Mefiboset) na Merib-Baal woo Mika.

35 Mika mmabarima ne:
Piton, Melek, Tarea ne Ahas.
36Ahas woo Yehoada na Yehoada woo Alemet, Asmawet ne Simri. Na Simri woo Mosa. 37Mosa woo Binea. Binea woo Rafha. Rafha woo Elasa. Elasa woo Asel.

38 Asel woo mmabarima baasia a wɔne:
Asrikam, Bokeru, Ismael, Searia, Obadia ne Hanan. Na eyinom yɛ Asel mma.

39 Na Asel nuabarima Esek wɔ mmabarima baasa a wɔne
Ulam a ɔyɛ abakan, Yeus a ɔto so abien ne Elifelet a ɔto so abiɛsa.
40Ulam mmabarima nyinaa yɛ akofo a wɔakwadaw akodi mu, wɔyɛ agyantowfo antoamfom. Na wɔwɔ mma ne nananom bebree a na wɔn nyinaa dodow yɛ ɔha aduonum.
Eyinom nyinaa yɛ Benyamin asefo.

Copyright information for TwiAKNA